Hosea 11:9
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Merenyɛ mʼabufuhyeɛsoɔ adeɛ, ɛna merennane me ho ɛnsɛe Efraim nso. Meyɛ Onyankopɔn na mennyɛ onipa. Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mu mu. Meremma wɔ abufuo mu.
Hosea 11:9 in English
Hosea 11:9 · Berean Standard Bible
I will not execute the full fury of My anger; I will not turn back to destroy Ephraim. For I am God and not man— the Holy One among you— and I will not come in wrath.
Context
7Me nkurɔfoɔ asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afiri me nkyɛn.
Sɛ wosu frɛ Ɔsorosoroni no mpo a
ɔrempagya wɔn ɛkwan biara so. 8“Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim?
Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel?
Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma?
Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim?
Mʼakoma asesa wɔ me mu;
na mʼahummɔborɔ ahwanyane. 9Merenyɛ mʼabufuhyeɛsoɔ adeɛ,
ɛna merennane me ho ɛnsɛe Efraim nso.
Meyɛ Onyankopɔn na mennyɛ onipa.
Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mu mu.
Meremma wɔ abufuo mu. 10Wɔbɛdi Awurade akyi.
Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata.
Na sɛ ɔbobɔm a,
ne mma de ahopopoɔ bɛfiri atɔeɛ aba. 11Wɔde ahopopoɔ bɛba
te sɛ nnomaa a wɔfiri Misraim
te sɛ mmorɔnoma a wɔfiri Asiria.
Mɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn afie mu,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.