Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɛdi Awurade akyi. Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata. Na sɛ ɔbobɔm a, ne mma de ahopopoɔ bɛfiri atɔeɛ aba.

Hosea 11:10 in English

Hosea 11:10 · Berean Standard Bible

They will walk after the LORD; He will roar like a lion. When He roars, His children will come trembling from the west.

Context

8“Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim? Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim? Mʼakoma asesa wɔ me mu; na mʼahummɔborɔ ahwanyane. 9Merenyɛ mʼabufuhyeɛsoɔ adeɛ, ɛna merennane me ho ɛnsɛe Efraim nso. Meyɛ Onyankopɔn na mennyɛ onipa. Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mu mu. Meremma wɔ abufuo mu. 10Wɔbɛdi Awurade akyi. Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata. Na sɛ ɔbobɔm a, ne mma de ahopopoɔ bɛfiri atɔeɛ aba. 11Wɔde ahopopoɔ bɛba te sɛ nnomaa a wɔfiri Misraim te sɛ mmorɔnoma a wɔfiri Asiria. Mɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn afie mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 12Efraim de atorɔ atwa me ho ahyia, Israel efie nso wɔde nnaadaa. Yuda abɔ Onyankopɔn so ko mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafoɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.