Hosea 11:6
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Akofena bɛdi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu na ɛbɛsɛe wɔn apono akyi adaban na wɔn nhyehyɛeɛ to bɛtwa.
Hosea 11:6 in English
Hosea 11:6 · Berean Standard Bible
A sword will flash through their cities; it will destroy the bars of their gates and consume them in their own plans.
Context
4Mede ayamyɛ ahoma
ne ɔdɔ dii wɔn anim;
meyii kɔnnua no firii wɔn kɔn mu
na mekoto maa wɔn aduane diiɛ. 5“Wɔbɛsane akɔ Misraim,
na Asiria adi wɔn so,
ɛsiane sɛ wɔannu wɔn ho enti. 6Akofena bɛdi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu
na ɛbɛsɛe wɔn apono akyi adaban
na wɔn nhyehyɛeɛ to bɛtwa. 7Me nkurɔfoɔ asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afiri me nkyɛn.
Sɛ wosu frɛ Ɔsorosoroni no mpo a
ɔrempagya wɔn ɛkwan biara so. 8“Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim?
Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel?
Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma?
Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim?
Mʼakoma asesa wɔ me mu;
na mʼahummɔborɔ ahwanyane.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.