Hebrifoɔ 1:6
Hebrews 1:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.”
Hebrews 1:6 in English
Hebrews 1:6 · Berean Standard Bible
And again, when God brings His firstborn into the world, He says: “Let all God’s angels worship Him.”*
Context
4Ɛno enti, ɔyɛɛ kɛse sene abɔfoɔ no, ɛfiri sɛ, edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sene wɔn deɛ no. 5Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no mu biara sɛ,
“Woyɛ me Ba;
na ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.”
Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfoɔ biara sɛ,
“Mɛyɛ wʼAgya na wayɛ me Ba.” 6Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ,
“Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.” 7Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfoɔ no ho ne sɛ,
“Onyankopɔn soma nʼabɔfoɔ sɛ mframa,
na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ gyadɛreeɛ.” 8Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa sɛ,
“Ao, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena hɔ daa nyinaa;
wʼAhennie yɛ atɛntenenee.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.