Hebrifoɔ 1:4
Hebrews 1:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, ɔyɛɛ kɛse sene abɔfoɔ no, ɛfiri sɛ, edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sene wɔn deɛ no.
Hebrews 1:4 in English
Hebrews 1:4 · Berean Standard Bible
So He became as far superior to the angels as the name He has inherited is excellent beyond theirs.
Context
2Nanso, mmerɛ a ɛdi akyire no deɛ, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na Onyankopɔn nam ne so bɔɔ ewiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awieeɛ no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne dea. 3Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn animuonyam hyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no sɔ ewiase mu. Ɔtee nnipa ho firii wɔn bɔne mu wieeɛ no, ɔtenaa Otumfoɔ Onyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro. 4Ɛno enti, ɔyɛɛ kɛse sene abɔfoɔ no, ɛfiri sɛ, edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sene wɔn deɛ no. 5Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no mu biara sɛ,
“Woyɛ me Ba;
na ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.”
Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfoɔ biara sɛ,
“Mɛyɛ wʼAgya na wayɛ me Ba.” 6Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ,
“Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.