Hebrifoɔ 1:5
Hebrews 1:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no mu biara sɛ, “Woyɛ me Ba; na ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.” Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfoɔ biara sɛ, “Mɛyɛ wʼAgya na wayɛ me Ba.”
Hebrews 1:5 in English
Hebrews 1:5 · Berean Standard Bible
For to which of the angels did God ever say: “You are My Son; today I have become Your Father”*? Or again: “I will be His Father, and He will be My Son”*?
Context
3Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn animuonyam hyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no sɔ ewiase mu. Ɔtee nnipa ho firii wɔn bɔne mu wieeɛ no, ɔtenaa Otumfoɔ Onyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro. 4Ɛno enti, ɔyɛɛ kɛse sene abɔfoɔ no, ɛfiri sɛ, edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sene wɔn deɛ no. 5Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no mu biara sɛ,
“Woyɛ me Ba;
na ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.”
Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfoɔ biara sɛ,
“Mɛyɛ wʼAgya na wayɛ me Ba.” 6Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ,
“Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.” 7Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfoɔ no ho ne sɛ,
“Onyankopɔn soma nʼabɔfoɔ sɛ mframa,
na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ gyadɛreeɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.