Native Bible

Hebrews 1:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ao, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhennie yɛ atɛntenenee.

Hebrews 1:8 in English

Hebrews 1:8 · Berean Standard Bible

But about the Son He says: “Your throne, O God, endures forever and ever, and justice is the scepter of Your kingdom.

Context

6Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.” 7Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfoɔ no ho ne sɛ, “Onyankopɔn soma nʼabɔfoɔ sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ gyadɛreeɛ.” 8Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ao, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhennie yɛ atɛntenenee. 9Wodɔ tenenee, na wokyiri bɔne, ɛno enti, Onyankopɔn wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so, na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.” 10Onyankopɔn sane kaa sɛ, “Mfitiaseɛ no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.