1 Mose 48:20
Genesis 48:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti ɛda no, Yakob hyiraa mmarimaa no sɛ, “Israelfoɔ nyinaa nam mo din so bɛhyirahyira wɔn ho wɔn ho. Wɔbɛka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛhyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’ ” Saa ɛkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bɛdii Manase anim.
Genesis 48:20 in English
Genesis 48:20 · Berean Standard Bible
So that day Jacob blessed them and said: “By you shall Israel pronounce this blessing: ‘May God make you like Ephraim and Manasseh.’” So he put Ephraim before Manasseh.
Context
18Yosef ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Dabi, mʼagya, yei ne mʼabakan, enti fa wo nsa nifa to nʼapampam.” 19Nanso, nʼagya ampene so kaa sɛ, “Me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ kɛse. Nanso, ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no, na nʼasefoɔ bɛyɛ amanaman bebree.” 20Enti ɛda no, Yakob hyiraa mmarimaa no sɛ,
“Israelfoɔ nyinaa nam mo din so bɛhyirahyira wɔn ho wɔn ho.
Wɔbɛka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛhyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’ ”
Saa ɛkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bɛdii Manase anim. 21Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Merebɛwu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasane de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio. 22Wo a seesei woabɛyɛ wo nuanom nyinaa so panin no, mede asase a menam me sekan ne mʼagyan so gye firii Amorifoɔ nkyɛn no rema wo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.