1 Mose 48:18
Genesis 48:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yosef ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Dabi, mʼagya, yei ne mʼabakan, enti fa wo nsa nifa to nʼapampam.”
Genesis 48:18 in English
Genesis 48:18 · Berean Standard Bible
“Not so, my father!” Joseph said. “This one is the firstborn; put your right hand on his head.”
Context
16ɔsoro ɔbɔfoɔ a ɔgyee me firii ɔhaw nyinaa mu no,
ɔnhyira saa mmarimaa yi.
Wɔmfa me din ne mʼagyanom,
Abraham ne Isak edin ntoto wɔn,
na wɔn ase mfɛe
wɔ asase so.” 17Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti, ɔyii nʼagya nsa nifa no firii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam. 18Yosef ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Dabi, mʼagya, yei ne mʼabakan, enti fa wo nsa nifa to nʼapampam.” 19Nanso, nʼagya ampene so kaa sɛ, “Me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ kɛse. Nanso, ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no, na nʼasefoɔ bɛyɛ amanaman bebree.” 20Enti ɛda no, Yakob hyiraa mmarimaa no sɛ,
“Israelfoɔ nyinaa nam mo din so bɛhyirahyira wɔn ho wɔn ho.
Wɔbɛka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛhyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’ ”
Saa ɛkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bɛdii Manase anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.