1 Mose 48:16
Genesis 48:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɔsoro ɔbɔfoɔ a ɔgyee me firii ɔhaw nyinaa mu no, ɔnhyira saa mmarimaa yi. Wɔmfa me din ne mʼagyanom, Abraham ne Isak edin ntoto wɔn, na wɔn ase mfɛe wɔ asase so.”
Genesis 48:16 in English
Genesis 48:16 · Berean Standard Bible
the angel * who has redeemed me from all harm— may He bless these boys. And may they be called by my name and the names of my fathers Abraham and Isaac, and may they grow into a multitude upon the earth.”
Context
14Israel tenee ne nsa nifa de too Efraim a ɔyɛ akumaa no apampam, ɛnna ɔde ne nsa benkum no too Manase nso apampam. Ɛwom sɛ na Manase yɛ abakan deɛ, nanso ɔde ne nsa benkum na ɛtoo nʼapampam. 15Ɔhyiraa Yosef sɛ,
“Onyankopɔn a mʼagyanom
Abraham ne Isak nantee nʼanim,
ne me Onyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ odwanhwɛfoɔ
de bɛsi ɛnnɛ no, 16ɔsoro ɔbɔfoɔ a ɔgyee me firii ɔhaw nyinaa mu no,
ɔnhyira saa mmarimaa yi.
Wɔmfa me din ne mʼagyanom,
Abraham ne Isak edin ntoto wɔn,
na wɔn ase mfɛe
wɔ asase so.” 17Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti, ɔyii nʼagya nsa nifa no firii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam. 18Yosef ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Dabi, mʼagya, yei ne mʼabakan, enti fa wo nsa nifa to nʼapampam.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.