1 Mose 48:17
Genesis 48:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti, ɔyii nʼagya nsa nifa no firii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam.
Genesis 48:17 in English
Genesis 48:17 · Berean Standard Bible
When Joseph saw that his father had placed his right hand on Ephraim’s head, he was displeased and took his father’s hand to move it from Ephraim’s head to Manasseh’s.
Context
15Ɔhyiraa Yosef sɛ,
“Onyankopɔn a mʼagyanom
Abraham ne Isak nantee nʼanim,
ne me Onyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ odwanhwɛfoɔ
de bɛsi ɛnnɛ no, 16ɔsoro ɔbɔfoɔ a ɔgyee me firii ɔhaw nyinaa mu no,
ɔnhyira saa mmarimaa yi.
Wɔmfa me din ne mʼagyanom,
Abraham ne Isak edin ntoto wɔn,
na wɔn ase mfɛe
wɔ asase so.” 17Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti, ɔyii nʼagya nsa nifa no firii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam. 18Yosef ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Dabi, mʼagya, yei ne mʼabakan, enti fa wo nsa nifa to nʼapampam.” 19Nanso, nʼagya ampene so kaa sɛ, “Me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ kɛse. Nanso, ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no, na nʼasefoɔ bɛyɛ amanaman bebree.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.