1 Mose 48:19
Genesis 48:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, nʼagya ampene so kaa sɛ, “Me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ kɛse. Nanso, ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no, na nʼasefoɔ bɛyɛ amanaman bebree.”
Genesis 48:19 in English
Genesis 48:19 · Berean Standard Bible
But his father refused. “I know, my son, I know!” he said. “He too shall become a people, and he too shall be great; nevertheless, his younger brother shall be greater than he, and his offspring shall become a multitude of nations.”
Context
17Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti, ɔyii nʼagya nsa nifa no firii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam. 18Yosef ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Dabi, mʼagya, yei ne mʼabakan, enti fa wo nsa nifa to nʼapampam.” 19Nanso, nʼagya ampene so kaa sɛ, “Me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ kɛse. Nanso, ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no, na nʼasefoɔ bɛyɛ amanaman bebree.” 20Enti ɛda no, Yakob hyiraa mmarimaa no sɛ,
“Israelfoɔ nyinaa nam mo din so bɛhyirahyira wɔn ho wɔn ho.
Wɔbɛka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛhyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’ ”
Saa ɛkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bɛdii Manase anim. 21Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Merebɛwu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasane de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.