1 Mose 48:21
Genesis 48:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Merebɛwu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasane de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio.
Genesis 48:21 in English
Genesis 48:21 · Berean Standard Bible
Then Israel said to Joseph, “Look, I am about to die, but God will be with you and bring you back to the land of your fathers.
Context
19Nanso, nʼagya ampene so kaa sɛ, “Me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ kɛse. Nanso, ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no, na nʼasefoɔ bɛyɛ amanaman bebree.” 20Enti ɛda no, Yakob hyiraa mmarimaa no sɛ,
“Israelfoɔ nyinaa nam mo din so bɛhyirahyira wɔn ho wɔn ho.
Wɔbɛka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛhyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’ ”
Saa ɛkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bɛdii Manase anim. 21Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Merebɛwu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasane de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio. 22Wo a seesei woabɛyɛ wo nuanom nyinaa so panin no, mede asase a menam me sekan ne mʼagyan so gye firii Amorifoɔ nkyɛn no rema wo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.