1 Mose 48:15
Genesis 48:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhyiraa Yosef sɛ, “Onyankopɔn a mʼagyanom Abraham ne Isak nantee nʼanim, ne me Onyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ odwanhwɛfoɔ de bɛsi ɛnnɛ no,
Genesis 48:15 in English
Genesis 48:15 · Berean Standard Bible
Then he blessed Joseph and said: “May the God before whom my fathers Abraham and Isaac walked, the God who has been my shepherd all my life to this day,
Context
13Ɔpagyaa ne mu no, ɔde ne nsa nifa sɔɔ Efraim mu, de no gyinaa Yakob benkum so, ɛnna ɔde ne nsa benkum sɔɔ Manase mu, de no gyinaa Yakob nifa so bɛn no pɛɛ. 14Israel tenee ne nsa nifa de too Efraim a ɔyɛ akumaa no apampam, ɛnna ɔde ne nsa benkum no too Manase nso apampam. Ɛwom sɛ na Manase yɛ abakan deɛ, nanso ɔde ne nsa benkum na ɛtoo nʼapampam. 15Ɔhyiraa Yosef sɛ,
“Onyankopɔn a mʼagyanom
Abraham ne Isak nantee nʼanim,
ne me Onyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ odwanhwɛfoɔ
de bɛsi ɛnnɛ no, 16ɔsoro ɔbɔfoɔ a ɔgyee me firii ɔhaw nyinaa mu no,
ɔnhyira saa mmarimaa yi.
Wɔmfa me din ne mʼagyanom,
Abraham ne Isak edin ntoto wɔn,
na wɔn ase mfɛe
wɔ asase so.” 17Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti, ɔyii nʼagya nsa nifa no firii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.