1 Mose 34:9
Genesis 34:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo ne yɛnni awadeɛ. Momfa mo mmammaa mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmammaa mma mo awadeɛ.
Genesis 34:9 in English
Genesis 34:9 · Berean Standard Bible
Intermarry with us; give us your daughters, and take our daughters for yourselves.
Context
7Yakob mmammarima no tee wɔn nuabaa Dina ho asɛm pɛ, wɔfiri wiram hɔ baeɛ. Wɔn werɛ hoeɛ na wɔn bo nso fuu yie, ɛfiri sɛ Sekem ayɛ aniwudeɛ wɔ Israel. Ɔne Yakob babaa daeɛ, na yei yɛ akyiwadeɛ. 8Nanso, Hamor ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no, na ɔnware no. 9Mo ne yɛnni awadeɛ. Momfa mo mmammaa mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmammaa mma mo awadeɛ. 10Mobɛtumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa yɛ mo dea. Montena so, nni dwa wɔ so, mpɛ mu agyapadeɛ.” 11Afei, Sekem ka kyerɛɛ Dina agya ne ne nuammarima no sɛ “Monnye me ntom. Biribiara a mobɛgye me no, mɛtua.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.