1 Mose 34:10
Genesis 34:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mobɛtumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa yɛ mo dea. Montena so, nni dwa wɔ so, mpɛ mu agyapadeɛ.”
Genesis 34:10 in English
Genesis 34:10 · Berean Standard Bible
You may settle among us, and the land will be open to you. Live here, move about freely, and acquire your own property.”
Context
8Nanso, Hamor ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no, na ɔnware no. 9Mo ne yɛnni awadeɛ. Momfa mo mmammaa mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmammaa mma mo awadeɛ. 10Mobɛtumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa yɛ mo dea. Montena so, nni dwa wɔ so, mpɛ mu agyapadeɛ.” 11Afei, Sekem ka kyerɛɛ Dina agya ne ne nuammarima no sɛ “Monnye me ntom. Biribiara a mobɛgye me no, mɛtua. 12Ɔbaa no ti adeɛ ne biribiara a mobɛgye aka ho no, mommɔ ɛboɔ biara a mopɛ, na mɛtua. Deɛ ɛhia me ara ne sɛ, mode ababaawa no bɛma me aware.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.