1 Mose 34:8
Genesis 34:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Hamor ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no, na ɔnware no.
Genesis 34:8 in English
Genesis 34:8 · Berean Standard Bible
But Hamor said to them, “My son Shechem longs for your daughter. Please give her to him as his wife.
Context
6Asɛm yi akyiri no, Sekem agya Hamor kɔɔ Yakob nkyɛn ne no kɔdii nkɔmmɔ. 7Yakob mmammarima no tee wɔn nuabaa Dina ho asɛm pɛ, wɔfiri wiram hɔ baeɛ. Wɔn werɛ hoeɛ na wɔn bo nso fuu yie, ɛfiri sɛ Sekem ayɛ aniwudeɛ wɔ Israel. Ɔne Yakob babaa daeɛ, na yei yɛ akyiwadeɛ. 8Nanso, Hamor ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no, na ɔnware no. 9Mo ne yɛnni awadeɛ. Momfa mo mmammaa mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmammaa mma mo awadeɛ. 10Mobɛtumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa yɛ mo dea. Montena so, nni dwa wɔ so, mpɛ mu agyapadeɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.