1 Mose 34:6
Genesis 34:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asɛm yi akyiri no, Sekem agya Hamor kɔɔ Yakob nkyɛn ne no kɔdii nkɔmmɔ.
Genesis 34:6 in English
Genesis 34:6 · Berean Standard Bible
Meanwhile, Shechem’s father Hamor came to speak with Jacob.
Context
4Ɛno enti, Sekem dii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ nʼagya Hamor sɛ, “Mepɛ sɛ meware ababaawa yi, enti kɔka ne ho asɛm ma me!” 5Ɛberɛ a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babaa Dina, akɔto no monnaa no, na ne mmammarima no nyinaa ne wɔn agya anantwie wɔ wiram. Enti, Yakob anka hwee kɔsii sɛ wɔbaeɛ. 6Asɛm yi akyiri no, Sekem agya Hamor kɔɔ Yakob nkyɛn ne no kɔdii nkɔmmɔ. 7Yakob mmammarima no tee wɔn nuabaa Dina ho asɛm pɛ, wɔfiri wiram hɔ baeɛ. Wɔn werɛ hoeɛ na wɔn bo nso fuu yie, ɛfiri sɛ Sekem ayɛ aniwudeɛ wɔ Israel. Ɔne Yakob babaa daeɛ, na yei yɛ akyiwadeɛ. 8Nanso, Hamor ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no, na ɔnware no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.