1 Mose 34:7
Genesis 34:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yakob mmammarima no tee wɔn nuabaa Dina ho asɛm pɛ, wɔfiri wiram hɔ baeɛ. Wɔn werɛ hoeɛ na wɔn bo nso fuu yie, ɛfiri sɛ Sekem ayɛ aniwudeɛ wɔ Israel. Ɔne Yakob babaa daeɛ, na yei yɛ akyiwadeɛ.
Genesis 34:7 in English
Genesis 34:7 · Berean Standard Bible
When Jacob’s sons heard what had happened, they returned from the field. They were filled with grief and fury, because Shechem had committed an outrage in Israel * by lying with Jacob’s daughter—a thing that should not be done.
Context
5Ɛberɛ a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babaa Dina, akɔto no monnaa no, na ne mmammarima no nyinaa ne wɔn agya anantwie wɔ wiram. Enti, Yakob anka hwee kɔsii sɛ wɔbaeɛ. 6Asɛm yi akyiri no, Sekem agya Hamor kɔɔ Yakob nkyɛn ne no kɔdii nkɔmmɔ. 7Yakob mmammarima no tee wɔn nuabaa Dina ho asɛm pɛ, wɔfiri wiram hɔ baeɛ. Wɔn werɛ hoeɛ na wɔn bo nso fuu yie, ɛfiri sɛ Sekem ayɛ aniwudeɛ wɔ Israel. Ɔne Yakob babaa daeɛ, na yei yɛ akyiwadeɛ. 8Nanso, Hamor ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no, na ɔnware no. 9Mo ne yɛnni awadeɛ. Momfa mo mmammaa mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmammaa mma mo awadeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.