Native Bible

Genesis 23:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Abraham gyaa ne yere Sara amu no hɔ, kɔɔ Hetifoɔ mpanimfoɔ nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn sɛ,

Genesis 23:3 in English

Genesis 23:3 · Berean Standard Bible

Then Abraham got up from beside his dead wife and said to the Hittites,*

Context

1Sara dii mfeɛ ɔha aduonu nson. 2Ɔwuu wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kɔgyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ. 3Abraham gyaa ne yere Sara amu no hɔ, kɔɔ Hetifoɔ mpanimfoɔ nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn sɛ, 4“Meyɛ ɔhɔhoɔ ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na mensie me yere wɔ so.” 5Hetifoɔ no buaa Abraham sɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.