Native Bible

Genesis 23:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔwuu wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kɔgyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ.

Genesis 23:2 in English

Genesis 23:2 · Berean Standard Bible

She died in Kiriath-arba (that is, Hebron) in the land of Canaan, and Abraham went out to mourn and to weep for her.

Context

1Sara dii mfeɛ ɔha aduonu nson. 2Ɔwuu wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kɔgyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ. 3Abraham gyaa ne yere Sara amu no hɔ, kɔɔ Hetifoɔ mpanimfoɔ nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn sɛ, 4“Meyɛ ɔhɔhoɔ ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na mensie me yere wɔ so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.