1 Mose 23:4
Genesis 23:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Meyɛ ɔhɔhoɔ ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na mensie me yere wɔ so.”
Genesis 23:4 in English
Genesis 23:4 · Berean Standard Bible
“I am a foreigner and an outsider among you. Give me a burial site among you so that I can bury my dead.”
Context
2Ɔwuu wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kɔgyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ. 3Abraham gyaa ne yere Sara amu no hɔ, kɔɔ Hetifoɔ mpanimfoɔ nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn sɛ, 4“Meyɛ ɔhɔhoɔ ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na mensie me yere wɔ so.” 5Hetifoɔ no buaa Abraham sɛ, 6“Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ kɛseɛ wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ sɛ wosie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kɔsie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.