Galatifoɔ 3:7
Galatians 3:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ gyidie no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo.
Galatians 3:7 in English
Galatians 3:7 · Berean Standard Bible
Understand, then, that those who have faith are sons of Abraham.
Context
5Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo anaa? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu anaa? Ɛnyɛ asɛm no gye a mogye diiɛ nti? 6Atwerɛsɛm no kaa Abraham ho asɛm sɛ, “Ɔgyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa tenenee.” 7Enti ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ gyidie no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo. 8Atwerɛsɛm no dii ɛkan hunuu sɛ Onyankopɔn nam gyidie so bɛbu amanamanmufoɔ no bem. Yei enti, Atwerɛsɛm no dii ɛkan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn bɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” 9Abraham gye diiɛ, na wɔhyiraa no, na wɔn a wɔgye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛdeɛ wɔhyiraa no no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.