Galatifoɔ 3:9
Galatians 3:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Abraham gye diiɛ, na wɔhyiraa no, na wɔn a wɔgye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛdeɛ wɔhyiraa no no.
Galatians 3:9 in English
Galatians 3:9 · Berean Standard Bible
So those who have faith are blessed along with Abraham, the man of faith.
Context
7Enti ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ gyidie no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo. 8Atwerɛsɛm no dii ɛkan hunuu sɛ Onyankopɔn nam gyidie so bɛbu amanamanmufoɔ no bem. Yei enti, Atwerɛsɛm no dii ɛkan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn bɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” 9Abraham gye diiɛ, na wɔhyiraa no, na wɔn a wɔgye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛdeɛ wɔhyiraa no no. 10Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a ɛfiri mmara no mu so. Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara Nwoma mu no nyinaa so.” 11Afei, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no so die nsɔ Onyankopɔn ani. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛnam gyidie so na ɔteneneeni bɛnya nkwa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.