Galatifoɔ 3:10
Galatians 3:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a ɛfiri mmara no mu so. Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara Nwoma mu no nyinaa so.”
Galatians 3:10 in English
Galatians 3:10 · Berean Standard Bible
All who rely on works of the law are under a curse. For it is written: “Cursed is everyone who does not continue to do everything written in the Book of the Law.”*
Context
8Atwerɛsɛm no dii ɛkan hunuu sɛ Onyankopɔn nam gyidie so bɛbu amanamanmufoɔ no bem. Yei enti, Atwerɛsɛm no dii ɛkan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn bɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” 9Abraham gye diiɛ, na wɔhyiraa no, na wɔn a wɔgye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛdeɛ wɔhyiraa no no. 10Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a ɛfiri mmara no mu so. Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara Nwoma mu no nyinaa so.” 11Afei, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no so die nsɔ Onyankopɔn ani. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛnam gyidie so na ɔteneneeni bɛnya nkwa.” 12Mmara no nnyinasoɔ nnyɛ gyidie; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, deɛ ɔdi mmara no so bɛnya nkwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.