Galatifoɔ 3:11
Galatians 3:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no so die nsɔ Onyankopɔn ani. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛnam gyidie so na ɔteneneeni bɛnya nkwa.”
Galatians 3:11 in English
Galatians 3:11 · Berean Standard Bible
Now it is clear that no one is justified before God by the law, because, “The righteous will live by faith.”*
Context
9Abraham gye diiɛ, na wɔhyiraa no, na wɔn a wɔgye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛdeɛ wɔhyiraa no no. 10Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a ɛfiri mmara no mu so. Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara Nwoma mu no nyinaa so.” 11Afei, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no so die nsɔ Onyankopɔn ani. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛnam gyidie so na ɔteneneeni bɛnya nkwa.” 12Mmara no nnyinasoɔ nnyɛ gyidie; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, deɛ ɔdi mmara no so bɛnya nkwa. 13Ɛno enti na Kristo agye yɛn afiri nnome a Mmara no de brɛɛ yɛn no mu. Wayɛ nnome ama yɛn sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a wɔbɛsɛn no dua so no hyɛ Onyankopɔn nnome ase.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.