Native Bible

Galatians 3:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mmara no nnyinasoɔ nnyɛ gyidie; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, deɛ ɔdi mmara no so bɛnya nkwa.

Galatians 3:12 in English

Galatians 3:12 · Berean Standard Bible

The law, however, is not based on faith; on the contrary, “The man who does these things will live by them.”*

Context

10Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a ɛfiri mmara no mu so. Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara Nwoma mu no nyinaa so.” 11Afei, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no so die nsɔ Onyankopɔn ani. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛnam gyidie so na ɔteneneeni bɛnya nkwa.” 12Mmara no nnyinasoɔ nnyɛ gyidie; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, deɛ ɔdi mmara no so bɛnya nkwa. 13Ɛno enti na Kristo agye yɛn afiri nnome a Mmara no de brɛɛ yɛn no mu. Wayɛ nnome ama yɛn sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a wɔbɛsɛn no dua so no hyɛ Onyankopɔn nnome ase.” 14Kristo gyee yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nhyira a wɔhyiraa Abraham no nam Kristo so bɛba amanamanmufoɔ so, na yɛnam gyidie so anya Honhom a wɔhyɛɛ yɛn ho bɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.