Galatifoɔ 3:8
Galatians 3:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Atwerɛsɛm no dii ɛkan hunuu sɛ Onyankopɔn nam gyidie so bɛbu amanamanmufoɔ no bem. Yei enti, Atwerɛsɛm no dii ɛkan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn bɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”
Galatians 3:8 in English
Galatians 3:8 · Berean Standard Bible
The Scripture foresaw that God would justify the Gentiles by faith, and foretold the gospel to Abraham: “All nations will be blessed through you.”*
Context
6Atwerɛsɛm no kaa Abraham ho asɛm sɛ, “Ɔgyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa tenenee.” 7Enti ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ gyidie no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo. 8Atwerɛsɛm no dii ɛkan hunuu sɛ Onyankopɔn nam gyidie so bɛbu amanamanmufoɔ no bem. Yei enti, Atwerɛsɛm no dii ɛkan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn bɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” 9Abraham gye diiɛ, na wɔhyiraa no, na wɔn a wɔgye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛdeɛ wɔhyiraa no no. 10Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a ɛfiri mmara no mu so. Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara Nwoma mu no nyinaa so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.