Native Bible

Galatians 3:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Atwerɛsɛm no kaa Abraham ho asɛm sɛ, “Ɔgyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa tenenee.”

Galatians 3:6 in English

Galatians 3:6 · Berean Standard Bible

So also, “Abraham believed God, and it was credited to him as righteousness.”*

Context

4Mo suahunu yi nyinaa ho amma mfasoɔ biara? Mennye nni saa. 5Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo anaa? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu anaa? Ɛnyɛ asɛm no gye a mogye diiɛ nti? 6Atwerɛsɛm no kaa Abraham ho asɛm sɛ, “Ɔgyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa tenenee.” 7Enti ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ gyidie no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo. 8Atwerɛsɛm no dii ɛkan hunuu sɛ Onyankopɔn nam gyidie so bɛbu amanamanmufoɔ no bem. Yei enti, Atwerɛsɛm no dii ɛkan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn bɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.