Galatifoɔ 3:4
Galatians 3:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo suahunu yi nyinaa ho amma mfasoɔ biara? Mennye nni saa.
Galatians 3:4 in English
Galatians 3:4 · Berean Standard Bible
Have you suffered so much for nothing, if it really was for nothing?
Context
2Mommua me saa asɛm yi: Moyɛɛ deɛ Mmara no hwehwɛ sɛ monyɛ ansa na Onyankopɔn Honhom no reba mo so? Anaasɛ motiee Asɛmpa no gye diiɛ ansa? 3Saa na mo adwene mu yɛ herɛ? Mode Onyankopɔn Honhom firii aseɛ; afei mopɛ sɛ mode mo ara mo tumi wie? 4Mo suahunu yi nyinaa ho amma mfasoɔ biara? Mennye nni saa. 5Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo anaa? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu anaa? Ɛnyɛ asɛm no gye a mogye diiɛ nti? 6Atwerɛsɛm no kaa Abraham ho asɛm sɛ, “Ɔgyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa tenenee.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.