Galatifoɔ 3:5
Galatians 3:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo anaa? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu anaa? Ɛnyɛ asɛm no gye a mogye diiɛ nti?
Galatians 3:5 in English
Galatians 3:5 · Berean Standard Bible
Does God lavish His Spirit on you and work miracles among you because you practice the law, or because you hear and believe?
Context
3Saa na mo adwene mu yɛ herɛ? Mode Onyankopɔn Honhom firii aseɛ; afei mopɛ sɛ mode mo ara mo tumi wie? 4Mo suahunu yi nyinaa ho amma mfasoɔ biara? Mennye nni saa. 5Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo anaa? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu anaa? Ɛnyɛ asɛm no gye a mogye diiɛ nti? 6Atwerɛsɛm no kaa Abraham ho asɛm sɛ, “Ɔgyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa tenenee.” 7Enti ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ gyidie no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.