Native Bible

Ezekiel 7:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛyi mʼani afiri wɔn so na akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi. Wɔbɛwura hɔ na wɔagu ho fi.

Ezekiel 7:22 in English

Ezekiel 7:22 · Berean Standard Bible

I will turn My face away from them, and they will defile My treasured place. Violent men will enter it, and they will defile it.

Context

20Na wɔde wɔn mpompranneɛ fɛfɛ no hoahoa wɔn ho, na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ ne nsɛsodeɛ tantane; enti mɛdane yeinom a ɛho nteɛ ama wɔn. 21Mede ne nyinaa bɛma ananafoɔ sɛ afodeɛ na mede ama asase so atirimuɔdenfoɔ sɛ korɔnodeɛ, na wɔbɛgu ho fi. 22Mɛyi mʼani afiri wɔn so na akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi. Wɔbɛwura hɔ na wɔagu ho fi. 23“ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn! Ɛfiri sɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma, na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma. 24Mɛma aman no mu otirimuɔdenfoɔ pa ara abɛfa wɔn afie; mɛma ɔhoɔdenfoɔ ahomasoɔ aba awieeɛ, na wɔn kronkrommea ho bɛgu fi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.