Hesekiel 7:24
Ezekiel 7:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛma aman no mu otirimuɔdenfoɔ pa ara abɛfa wɔn afie; mɛma ɔhoɔdenfoɔ ahomasoɔ aba awieeɛ, na wɔn kronkrommea ho bɛgu fi.
Ezekiel 7:24 in English
Ezekiel 7:24 · Berean Standard Bible
So I will bring the most wicked of nations to take possession of their houses. I will end the pride of the mighty, and their holy places will be profaned.
Context
22Mɛyi mʼani afiri wɔn so
na akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi.
Wɔbɛwura hɔ
na wɔagu ho fi. 23“ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn!
Ɛfiri sɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma,
na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma. 24Mɛma aman no mu otirimuɔdenfoɔ pa ara
abɛfa wɔn afie;
mɛma ɔhoɔdenfoɔ ahomasoɔ aba awieeɛ,
na wɔn kronkrommea ho bɛgu fi. 25Sɛ ehu ba a,
wɔbɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri ɛkwan, nanso ɛbɛbɔ wɔn. 26Atoyerɛnkyɛm bɛdi atoyerɛnkyɛm akyi aba;
atesɛm bɛdi atesɛm akyi.
Wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛnya anisoadehunu afiri odiyifoɔ no hɔ,
Ɔsɔfoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn.
Saa ara na wɔrennya afotuo mfiri mpanimfoɔ hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.