Hesekiel 7:21
Ezekiel 7:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede ne nyinaa bɛma ananafoɔ sɛ afodeɛ na mede ama asase so atirimuɔdenfoɔ sɛ korɔnodeɛ, na wɔbɛgu ho fi.
Ezekiel 7:21 in English
Ezekiel 7:21 · Berean Standard Bible
And I will hand these things over as plunder to foreigners and loot to the wicked of the earth, who will defile them.
Context
19“ ‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so,
na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ.
Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ
rentumi nnye wɔn
Awurade abufuhyeɛ ɛda no.
Ɛrenkum wɔn kɔm
na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma,
ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu. 20Na wɔde wɔn mpompranneɛ fɛfɛ no hoahoa wɔn ho,
na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ
ne nsɛsodeɛ tantane;
enti mɛdane yeinom a ɛho nteɛ ama wɔn. 21Mede ne nyinaa bɛma ananafoɔ sɛ afodeɛ
na mede ama asase so atirimuɔdenfoɔ sɛ korɔnodeɛ,
na wɔbɛgu ho fi. 22Mɛyi mʼani afiri wɔn so
na akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi.
Wɔbɛwura hɔ
na wɔagu ho fi. 23“ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn!
Ɛfiri sɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma,
na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.