Native Bible

Ezekiel 7:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wɔde wɔn mpompranneɛ fɛfɛ no hoahoa wɔn ho, na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ ne nsɛsodeɛ tantane; enti mɛdane yeinom a ɛho nteɛ ama wɔn.

Ezekiel 7:20 in English

Ezekiel 7:20 · Berean Standard Bible

His beautiful ornaments they transformed into pride and used them to fashion their vile images and detestable idols. Therefore I will make these into something unclean for them.

Context

18Wɔbɛfirafira ayitoma na wɔabɔ huboa. Aniwuo bɛkata wɔn anim na wɔayi wɔn tirinwi. 19“ ‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so, na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ. Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Awurade abufuhyeɛ ɛda no. Ɛrenkum wɔn kɔm na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma, ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu. 20Na wɔde wɔn mpompranneɛ fɛfɛ no hoahoa wɔn ho, na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ ne nsɛsodeɛ tantane; enti mɛdane yeinom a ɛho nteɛ ama wɔn. 21Mede ne nyinaa bɛma ananafoɔ sɛ afodeɛ na mede ama asase so atirimuɔdenfoɔ sɛ korɔnodeɛ, na wɔbɛgu ho fi. 22Mɛyi mʼani afiri wɔn so na akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi. Wɔbɛwura hɔ na wɔagu ho fi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.