Hesekiel 7:19
Ezekiel 7:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so, na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ. Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Awurade abufuhyeɛ ɛda no. Ɛrenkum wɔn kɔm na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma, ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu.
Ezekiel 7:19 in English
Ezekiel 7:19 · Berean Standard Bible
They will throw their silver into the streets, and their gold will seem unclean. Their silver and gold cannot save them in the day of the wrath of the LORD. They cannot satisfy their appetites or fill their stomachs with wealth, for it became the stumbling block that brought their iniquity.
Context
17Nsa nyinaa bɛdwodwo
na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛ sɛ nsuo. 18Wɔbɛfirafira ayitoma
na wɔabɔ huboa.
Aniwuo bɛkata wɔn anim
na wɔayi wɔn tirinwi. 19“ ‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so,
na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ.
Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ
rentumi nnye wɔn
Awurade abufuhyeɛ ɛda no.
Ɛrenkum wɔn kɔm
na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma,
ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu. 20Na wɔde wɔn mpompranneɛ fɛfɛ no hoahoa wɔn ho,
na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ
ne nsɛsodeɛ tantane;
enti mɛdane yeinom a ɛho nteɛ ama wɔn. 21Mede ne nyinaa bɛma ananafoɔ sɛ afodeɛ
na mede ama asase so atirimuɔdenfoɔ sɛ korɔnodeɛ,
na wɔbɛgu ho fi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.