Hesekiel 7:17
Ezekiel 7:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nsa nyinaa bɛdwodwo na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛ sɛ nsuo.
Ezekiel 7:17 in English
Ezekiel 7:17 · Berean Standard Bible
Every hand will go limp, and every knee will turn to water.
Context
15Akofena wɔ mfikyire;
na ɔyaredɔm ne ɛkɔm wɔ efie.
Wɔn a wɔwɔ ɔman no mu
bɛtotɔ wɔ akofena ano.
Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no,
ɔyaredɔm ne ɛkɔm bɛkum wɔn. 16Wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu
na wɔadwane no bɛtena mmepɔ no so.
Na wɔakurum te sɛ
mmɔnhwa mu mmorɔnoma
wɔ wɔn mu biara bɔne enti. 17Nsa nyinaa bɛdwodwo
na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛ sɛ nsuo. 18Wɔbɛfirafira ayitoma
na wɔabɔ huboa.
Aniwuo bɛkata wɔn anim
na wɔayi wɔn tirinwi. 19“ ‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so,
na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ.
Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ
rentumi nnye wɔn
Awurade abufuhyeɛ ɛda no.
Ɛrenkum wɔn kɔm
na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma,
ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.