Hesekiel 29:5
Ezekiel 29:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Megya wo hɔ wɔ ɛserɛ no so, wo ne mpataa a wɔwɔ wo asutene mu no nyinaa. Wobɛhwe ase wɔ asase petee mu a wɔrempagya wo bio. Mede wo bɛma asase so mmoa ne ewiem nnomaa sɛ wɔn aduane.
Ezekiel 29:5 in English
Ezekiel 29:5 · Berean Standard Bible
I will leave you in the desert, you and all the fish of your streams. You will fall on the open field and will not be taken away or gathered for burial. I have given you as food to the beasts of the earth and the birds of the air.
Context
3Kasa kyerɛ no na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.
“ ‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao
asuboa kɛseɛ a woda wo asutene mu.’ ”
Woka sɛ, “Nil yɛ me dea;
meyɛ maa me ho.” 4Na mede nnarewa bɛsosɔ wʼapantan mu
na mama mpataa a ɛwɔ wo asutene mu
afenfam wo ho.
Mɛtwe wo afiri wo asutene no mu,
a mpataa no nyinaa tetare wo ho. 5Megya wo hɔ wɔ ɛserɛ no so,
wo ne mpataa a wɔwɔ wo asutene mu no nyinaa.
Wobɛhwe ase wɔ asase petee mu
a wɔrempagya wo bio.
Mede wo bɛma asase so mmoa
ne ewiem nnomaa sɛ wɔn aduane. 6Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa bɛhunu sɛ mene Awurade no.
“ ‘Woayɛ sɛ demmire poma ama Israel efie. 7Wɔde wɔn ho too wo so no, wo mu bukaaeɛ na wowɔɔ wɔn mmatire. Wɔtweree woɔ no, wo mu buiɛ ma wɔn sisi hinhimiiɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.