Hesekiel 29:4
Ezekiel 29:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na mede nnarewa bɛsosɔ wʼapantan mu na mama mpataa a ɛwɔ wo asutene mu afenfam wo ho. Mɛtwe wo afiri wo asutene no mu, a mpataa no nyinaa tetare wo ho.
Ezekiel 29:4 in English
Ezekiel 29:4 · Berean Standard Bible
But I will put hooks in your jaws and cause the fish of your streams to cling to your scales. I will haul you up out of your rivers, and all the fish of your streams will cling to your scales.
Context
2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa. 3Kasa kyerɛ no na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.
“ ‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao
asuboa kɛseɛ a woda wo asutene mu.’ ”
Woka sɛ, “Nil yɛ me dea;
meyɛ maa me ho.” 4Na mede nnarewa bɛsosɔ wʼapantan mu
na mama mpataa a ɛwɔ wo asutene mu
afenfam wo ho.
Mɛtwe wo afiri wo asutene no mu,
a mpataa no nyinaa tetare wo ho. 5Megya wo hɔ wɔ ɛserɛ no so,
wo ne mpataa a wɔwɔ wo asutene mu no nyinaa.
Wobɛhwe ase wɔ asase petee mu
a wɔrempagya wo bio.
Mede wo bɛma asase so mmoa
ne ewiem nnomaa sɛ wɔn aduane. 6Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa bɛhunu sɛ mene Awurade no.
“ ‘Woayɛ sɛ demmire poma ama Israel efie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.