Hesekiel 29:3
Ezekiel 29:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Kasa kyerɛ no na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ. “ ‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao asuboa kɛseɛ a woda wo asutene mu.’ ” Woka sɛ, “Nil yɛ me dea; meyɛ maa me ho.”
Ezekiel 29:3 in English
Ezekiel 29:3 · Berean Standard Bible
Speak to him and tell him that this is what the Lord GOD says: Behold, I am against you, O Pharaoh king of Egypt, O great monster who lies among his rivers, who says, ‘The Nile is mine; I made it myself.’
Context
1Mfeɛ edu so bosome a ɛtɔ so edu no ɛda a ɛtɔ so dumienu no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa. 3Kasa kyerɛ no na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.
“ ‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao
asuboa kɛseɛ a woda wo asutene mu.’ ”
Woka sɛ, “Nil yɛ me dea;
meyɛ maa me ho.” 4Na mede nnarewa bɛsosɔ wʼapantan mu
na mama mpataa a ɛwɔ wo asutene mu
afenfam wo ho.
Mɛtwe wo afiri wo asutene no mu,
a mpataa no nyinaa tetare wo ho. 5Megya wo hɔ wɔ ɛserɛ no so,
wo ne mpataa a wɔwɔ wo asutene mu no nyinaa.
Wobɛhwe ase wɔ asase petee mu
a wɔrempagya wo bio.
Mede wo bɛma asase so mmoa
ne ewiem nnomaa sɛ wɔn aduane.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.