Native Bible

Ezekiel 29:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa bɛhunu sɛ mene Awurade no. “ ‘Woayɛ sɛ demmire poma ama Israel efie.

Ezekiel 29:6 in English

Ezekiel 29:6 · Berean Standard Bible

Then all the people of Egypt will know that I am the LORD. For you were only a staff of reeds to the house of Israel.

Context

4Na mede nnarewa bɛsosɔ wʼapantan mu na mama mpataa a ɛwɔ wo asutene mu afenfam wo ho. Mɛtwe wo afiri wo asutene no mu, a mpataa no nyinaa tetare wo ho. 5Megya wo hɔ wɔ ɛserɛ no so, wo ne mpataa a wɔwɔ wo asutene mu no nyinaa. Wobɛhwe ase wɔ asase petee mu a wɔrempagya wo bio. Mede wo bɛma asase so mmoa ne ewiem nnomaa sɛ wɔn aduane. 6Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa bɛhunu sɛ mene Awurade no. “ ‘Woayɛ sɛ demmire poma ama Israel efie. 7Wɔde wɔn ho too wo so no, wo mu bukaaeɛ na wowɔɔ wɔn mmatire. Wɔtweree woɔ no, wo mu buiɛ ma wɔn sisi hinhimiiɛ. 8“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede akofena bɛba abɛtia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.