Hesekiel 29:7
Ezekiel 29:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔde wɔn ho too wo so no, wo mu bukaaeɛ na wowɔɔ wɔn mmatire. Wɔtweree woɔ no, wo mu buiɛ ma wɔn sisi hinhimiiɛ.
Ezekiel 29:7 in English
Ezekiel 29:7 · Berean Standard Bible
When Israel took hold of you with their hands, you splintered, tearing all their shoulders; when they leaned on you, you broke, and their backs were wrenched.*
Context
5Megya wo hɔ wɔ ɛserɛ no so,
wo ne mpataa a wɔwɔ wo asutene mu no nyinaa.
Wobɛhwe ase wɔ asase petee mu
a wɔrempagya wo bio.
Mede wo bɛma asase so mmoa
ne ewiem nnomaa sɛ wɔn aduane. 6Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa bɛhunu sɛ mene Awurade no.
“ ‘Woayɛ sɛ demmire poma ama Israel efie. 7Wɔde wɔn ho too wo so no, wo mu bukaaeɛ na wowɔɔ wɔn mmatire. Wɔtweree woɔ no, wo mu buiɛ ma wɔn sisi hinhimiiɛ. 8“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede akofena bɛba abɛtia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa. 9Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade.
“ ‘Ɛfiri sɛ wo kaa sɛ, “Nil yɛ me dea; Me na meyɛeɛ,” enti
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.