Native Bible

Ezekiel 28:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wonim nyansa sene Daniel anaa? Wonim kokoamsɛm biara anaa?

Ezekiel 28:3 in English

Ezekiel 28:3 · Berean Standard Bible

Behold, you are wiser than Daniel; no secret is hidden from you!

Context

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Wofiri wʼahantan akoma mu ka sɛ, “Meyɛ onyame; mete onyame bi ahennwa so wɔ ɛpo mfimfini.” Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame, ɛwom, wodwene sɛ wonim nyansa sɛ onyame bi. 3Wonim nyansa sene Daniel anaa? Wonim kokoamsɛm biara anaa? 4Wonam wo nyansa ne nhunumu so anya ahodeɛ ama wo ho. Woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree agu wʼakoradan mu. 5Wonam wʼadwadie mu nyansa so ama wʼahonya adɔɔso, na wʼahonya enti wahoran wɔ wʼakoma mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.