Hesekiel 28:4
Ezekiel 28:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wonam wo nyansa ne nhunumu so anya ahodeɛ ama wo ho. Woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree agu wʼakoradan mu.
Ezekiel 28:4 in English
Ezekiel 28:4 · Berean Standard Bible
By your wisdom and understanding you have gained your wealth and amassed gold and silver for your treasuries.
Context
2“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Wofiri wʼahantan akoma mu ka sɛ,
“Meyɛ onyame;
mete onyame bi ahennwa so
wɔ ɛpo mfimfini.”
Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame,
ɛwom, wodwene sɛ wonim nyansa sɛ onyame bi. 3Wonim nyansa sene Daniel anaa?
Wonim kokoamsɛm biara anaa? 4Wonam wo nyansa ne nhunumu so
anya ahodeɛ ama wo ho.
Woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree
agu wʼakoradan mu. 5Wonam wʼadwadie mu nyansa so
ama wʼahonya adɔɔso,
na wʼahonya enti
wahoran wɔ wʼakoma mu. 6“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Esiane sɛ wodwene sɛ wonim nyansa
te sɛ Onyame enti,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.