Hesekiel 28:6
Ezekiel 28:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Esiane sɛ wodwene sɛ wonim nyansa te sɛ Onyame enti,
Ezekiel 28:6 in English
Ezekiel 28:6 · Berean Standard Bible
Therefore this is what the Lord GOD says: Because you regard your heart as the heart of a god,
Context
4Wonam wo nyansa ne nhunumu so
anya ahodeɛ ama wo ho.
Woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree
agu wʼakoradan mu. 5Wonam wʼadwadie mu nyansa so
ama wʼahonya adɔɔso,
na wʼahonya enti
wahoran wɔ wʼakoma mu. 6“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Esiane sɛ wodwene sɛ wonim nyansa
te sɛ Onyame enti, 7mede ananafoɔ reba abɛtia wo,
amanaman no mu ɔdesɛefoɔ pa ara;
wɔbɛtwetwe wɔn akofena
wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so
na wɔahwire wʼanimuonyam no. 8Wɔde wo bɛto amena no mu,
na wobɛwu owu yaaya
wɔ ɛpo mfimfini.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.