Hesekiel 28:8
Ezekiel 28:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔde wo bɛto amena no mu, na wobɛwu owu yaaya wɔ ɛpo mfimfini.
Ezekiel 28:8 in English
Ezekiel 28:8 · Berean Standard Bible
They will bring you down to the Pit, and you will die a violent death in the heart of the seas.
Context
6“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Esiane sɛ wodwene sɛ wonim nyansa
te sɛ Onyame enti, 7mede ananafoɔ reba abɛtia wo,
amanaman no mu ɔdesɛefoɔ pa ara;
wɔbɛtwetwe wɔn akofena
wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so
na wɔahwire wʼanimuonyam no. 8Wɔde wo bɛto amena no mu,
na wobɛwu owu yaaya
wɔ ɛpo mfimfini. 9Afei wobɛka sɛ, “Meyɛ onyame,”
wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no anim anaa?
Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame
wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no nsam. 10Wobɛwu momonotofoɔ wuo
wɔ ananafoɔ nsam.
Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.