Native Bible

Ezekiel 28:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wobɛwu momonotofoɔ wuo wɔ ananafoɔ nsam. Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”

Ezekiel 28:10 in English

Ezekiel 28:10 · Berean Standard Bible

You will die the death of the uncircumcised at the hands of foreigners. For I have spoken, declares the Lord GOD.”

Context

8Wɔde wo bɛto amena no mu, na wobɛwu owu yaaya wɔ ɛpo mfimfini. 9Afei wobɛka sɛ, “Meyɛ onyame,” wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no anim anaa? Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no nsam. 10Wobɛwu momonotofoɔ wuo wɔ ananafoɔ nsam. Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” 11Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 12“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho a ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛsodeɛ, na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛ dua.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.