Hesekiel 28:11
Ezekiel 28:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Ezekiel 28:11 in English
Ezekiel 28:11 · Berean Standard Bible
Again the word of the LORD came to me, saying,
Context
9Afei wobɛka sɛ, “Meyɛ onyame,”
wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no anim anaa?
Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame
wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no nsam. 10Wobɛwu momonotofoɔ wuo
wɔ ananafoɔ nsam.
Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” 11Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 12“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho a ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛsodeɛ,
na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛ dua. 13Na anka wowɔ Eden
Onyankopɔn turo no mu.
Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:
bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ
sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ,
aboɔdemmoɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ.
Wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛdeɛ,
wɔsiesiee ne nyinaa ɛda a wɔbɔɔ woɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.