Native Bible

Ezekiel 28:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho a ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛsodeɛ, na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛ dua.

Ezekiel 28:12 in English

Ezekiel 28:12 · Berean Standard Bible

“Son of man, take up a lament for the king of Tyre and tell him that this is what the Lord GOD says: ‘You were the seal of perfection, full of wisdom and perfect in beauty.

Context

10Wobɛwu momonotofoɔ wuo wɔ ananafoɔ nsam. Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” 11Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 12“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho a ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛsodeɛ, na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛ dua. 13Na anka wowɔ Eden Onyankopɔn turo no mu. Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo: bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ, aboɔdemmoɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ. Wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛdeɛ, wɔsiesiee ne nyinaa ɛda a wɔbɔɔ woɔ. 14Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfoɔ Kerub, ɛfiri sɛ saa na mehyɛɛ woɔ. Na wowɔ Onyankopɔn bepɔ kronkron no so; wonantee ogya aboɔ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.