Hesekiel 28:14
Ezekiel 28:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfoɔ Kerub, ɛfiri sɛ saa na mehyɛɛ woɔ. Na wowɔ Onyankopɔn bepɔ kronkron no so; wonantee ogya aboɔ mu.
Ezekiel 28:14 in English
Ezekiel 28:14 · Berean Standard Bible
You were anointed as a guardian cherub, for I had ordained you. You were on the holy mountain of God; you walked among the fiery stones.
Context
12“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho a ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛsodeɛ,
na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛ dua. 13Na anka wowɔ Eden
Onyankopɔn turo no mu.
Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:
bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ
sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ,
aboɔdemmoɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ.
Wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛdeɛ,
wɔsiesiee ne nyinaa ɛda a wɔbɔɔ woɔ. 14Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfoɔ Kerub,
ɛfiri sɛ saa na mehyɛɛ woɔ.
Na wowɔ Onyankopɔn bepɔ kronkron no so;
wonantee ogya aboɔ mu. 15Na anka wʼakwan ho nni asɛm
ɛfiri ɛda a wɔbɔɔ woɔ no
kɔsii sɛ wɔhunuu amumuyɛ wɔ wo mu. 16Wʼadwadie a emu trɛ no enti
wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma
na woyɛɛ bɔne.
Ɛno enti mepamoo wo firii
Onyankopɔn bepɔ no so wɔ animguaseɛ mu,
na meyii wo adi, Ao ɔhwɛfoɔ Kerub,
firii ogya aboɔ no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.